Psalms 23

Dawid dwom.

1 Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me.

2 Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea;
ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho,

3 odwudwo me kra.
Ɔde me fa akwantrenee so,
ne din nti.

4 Sɛ menam
owu sum kabii mu mpo a,
minsuro bɔne bi,
efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ;
wʼabaa ne wo pema
na ɛkyekye me werɛ.


5 Woto me pon wɔ
mʼatamfo anim.
Wode ngo fɔw me tirim;
me kuruwa yɛ ma bu so.

6 Yiye ne adɔe nko na ebedi mʼakyi
me nkwanna nyinaa;
na mɛtena Awurade fi
daa.
Copyright information for TwiAKNA